2 Corinthians 11

Paulo ne atoro asomafo

1Mewɔ anidaso sɛ, sɛ meyɛ nkwaseade koraa a, mubegye me. Mepa mo kyɛw, monyɛ saa. 2Metwe mo ho ninkunu sɛnea Onyankopɔn twe mo ho ninkunu no. Mote sɛ ɔbaabun a, mahyɛ ɔbarima baako pɛ bi a, ɔno ne Kristo no bɔ sɛ mede mo bɛma no aware. 3Misuro sɛ wɔbɛsɛe mo adwene na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mubegyae sɛnea Ɔwɔ no nam anifere so daadaa Hawa no. 4Mode anigye gye obiara a ɔba mo nkyɛn bɛka Yesu foforo a ɔnyɛ nea yɛka ne ho asɛm kyerɛ mo no di; mugye honhom no ne asɛmpa a nsonoe da ɛno ne Honhom ne Asɛmpa a yɛka kyerɛ mo no ntam no di.

5Minnye nni sɛ mofa me sɛ meyɛ “Asomafo” no mu abomfiaa. 6Ebia mʼano ntew de, nanso mʼadwene mu abue. Ɔkwan biara so, yɛama mo ate saa asɛm yi ase.

7Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛnea ɛbɛma mo akorɔn. Bɔne a meyɛe ne sɛ meyɛɛ saa? 8Bere a na mereyɛ mo mu adwuma no, asafo afoforo bi na na wotua me ka. Na miwia wɔn de boa mo. 9Bere a na mewɔ mo nkyɛn no, sɛ sika ho hia me a, na menhaw mo. Na anuanom a wɔte Makedonia no de biribiara a ɛho hia me brɛ me. Sɛnea na ɛte mmere a atwam no, saa ara nso na daakye bɛyɛ. Merenyɛ adesoa mma mo da. 10Kristo nokwaredi a ahyɛ me ma nti, mehyɛ mo bɔ sɛ obiara rentumi nka mʼahohoahoa yi nhyɛ wɔ Helaman mu da. 11Adɛn nti na meka saa? Efisɛ, mennɔ mo anaa? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo. 12Mɛkɔ so madi dwuma a meredi no mprempren yi sɛnea ɛbɛyɛ a saa “asomafo” no rennya kwan nhoahoa wɔn ho sɛ dwuma a wodi no te sɛ yɛn dwuma a yedi no pɛ.

13Saa nnipa no nyɛ nokware asomafo. Wɔyɛ atoro asomafo a wɔnam twa atoro wɔ wɔn adwuma ho ma nnipa hu wɔn sɛ wɔyɛ Kristo asomafo. 14Ɛnyɛ me nwonwa, efisɛ, ɔbonsam koraa tumi sesa ne ho ma ɔdan yɛ sɛ hann. 15Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nʼasomfo tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awiei no, wobenya wɔn nneyɛe so akatua pɛpɛɛpɛ.

Paulo hoahoa ne ho

16Miti mu ka bio se: ɛnsɛ sɛ obiara susuw sɛ meyɛ ɔkwasea. Sɛ mususuw saa a, ɛnne munnye me sɛnea mubegye ɔkwasea na menam so matumi mahoahoa me ho. 17Asɛm a mereka yi nyɛ nea Awurade pɛ sɛ meka. Meka ahohoahoa ho asɛm a, na mekasa sɛ ɔkwasea. 18Nanso esiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho nipasu mu nti, me nso mɛyɛ saa. 19Mo ankasa mo ani atew nti mode anigye gye nkwaseafo. 20Mugye obi a ɔhyɛ mo so anaa nea onya mo ho biribi anaa nea osum mo firi anaa nea ommu mo anaa nea ɔbɔ mo ani so. 21Mefɛre sɛ megye eyi ato mu, nanso yɛn ahoɔmmerɛw na ɛma yɛyɛɛ saa. Sɛ obi tumi de biribi hoahoa ne ho a, ɛnne na mekasa sɛ ɔkwasea; me nso metumi ahoahoa me ho wɔ dekode no ho bi.

22Wɔyɛ Hebrifo anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfo anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefo anaa? Me nso meyɛ bi.

23Wɔyɛ Kristo asomfo anaa? Mekasa sɛ ɔbɔdamfo. Nanso meyɛ ɔsomfo pa sen wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sen wɔn; mada afiase mpɛn pii; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owu nso. 24Yudafo bɔɔ me mmaa aduasa akron ahorow anum. 25Romafo bɔɔ me mmaa mpɛn abiɛsa na wosiw me abo pɛnkoro. Metenaa ahyɛn mu ma ɛbɔe mpɛn abiɛsa. Midii nsu ase nnɔnhwerew aduonu anan pɛn. 26Mʼakwantu ahorow mu, mihyiaa nsuyiri ne akwanmukafo. Mihuu amane wɔ Yudafo ne Amanamanmufo nsam. Mihuu nkurow so amane. Mihuu wuram amane. Mihuu ɛpo so amane ne nnamfo a wɔnka nokware nsam amane. 27Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii menna. Ɔkɔm ne sukɔm dee me. Mpɛn pii minnya aduan a ɛbɛso me nni. Minnya baabi nna anaa atade nhyɛ. 28Bere biara na mema asafo ahorow no ho nsɛm yɛ me asɛnhia. 29Sɛ obi yɛ mmerɛw a ɛma me nso meyɛ mmerɛw. Sɛ obi ka ɔfoforo kɔ bɔne mu a, ɛma me werɛ how.

30Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛwyɛ no mu. 31Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ sɛ yɛkamfo no no nim sɛ merentwa nkontompo. 32Bere a mewɔ Damasko no, Amrado a na ɔhyɛ ɔhene Areta ase no maa awɛmfo wɛn kurow no pon pɛe sɛ wɔkyere me. 33Nanso wɔde me sii kɛntɛn mu twetwee me faa ɔfasu bi a apae tokuru mu de me sii fam ma miguan fii ne nsam.

Copyright information for TwiNAK